Nnwom 148
Nkwa Asem
Biribiara nkamfo Onyankopɔn
148 Kamfo Awurade! Mo a mote ɔsorosoro, monkamfo Awurade mfi soro! 2 N’abɔfo ne ne soro asafodɔm nyinaa, monkamfo Awurade. 3 Kamfo no, owia ne ɔsram; kamfo no, nsoromma a mohyerɛn. 4 Kamfo no, ɔsorosoro ne nsu a ɛboro wim so.
5 Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din. Ɔkasae na wɔbɔɔ wɔn; 6 ɔkasae na wɔde wɔn tuatuaa nea wɔwɔ hɔ yi afebɔɔ na wɔrentumi mmu so.
7 Kamfo Awurade fi asase so, nsuboa ne po ase pɛɛ, 8 anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, mframa a ano yɛ den a mutie ne nne nyinaa. 9 Kamfo no, nkoko ne mmepɔw, nnua a ɛsow aba ne kwae, 10 mmoa nyinaa, wɔn a wodwo ne wɔn a wɔkeka, wɔn a wɔwea fam ne nnomaa. 11 Kamfo no, ahene ne nnipa, ahenemmabarima ne wɔn a wodi ahene nyinaa, 12 mmeawa ne mmerante, mmasiriwa ne mmofra nso. 13 Ma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din! Ne din so sen edin biara; n’anuonyam korɔn sen asase ne soro. 14 Ɔmaa ne man ahoɔden enti ne mamfo nyinaa kamfo no; nnipa a wɔwɔ Israel a ɔpɛ wɔn asɛm no.
Kamfo Awurade!
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.